Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ. Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom. Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, na Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon, na Salmon ne Rahab woo Boas, na Boas ne Rut woo Obed, na ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no. Na Ɔhene Herode teeɛ no, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tui; na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn. Na oyi ne deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne reteam wɔ ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene! Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ b...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no. Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo. Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, ɔkɔɔ bepɔ no so; na ɔtenaa aseɛ no, n’asuafoɔ baa ne nkyɛn. Na ɔbuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ: Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so. Nhy...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo deɛ, woreyɛ a...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn. Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma menyi duaa no mfiri w’ani so, wɔ berɛ ko a mpuna wɔ w’ani soɔ? Nyaatwom...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi. Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi. Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ. Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔtenaa kodoɔ mu twa baa ɔno ara ne kurom. Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na hwɛ, Atwerɛfoɔ no mu binom kaa wɔn mu sɛ: Onipa yi ka abususɛm. Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔkaa sɛ: Adɛn n...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane, Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu. Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ, na monkɔka deɛ moteɛ na mohunu yi nkyerɛ Yohane: Anifir...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no mu no, Yesu kɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na ɛkɔm dee n’asuafoɔ no, na wɔfitii aseɛ pempanee mmɛtem no bi weeɛ. Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda. Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no? Sɛdeɛ ɔkɔɔ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa gyinagyina mpoano. Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe. Ebi nso kɔguu...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛberɛ no mu no, Ɔmansinihene Herode tee Yesu nka na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi. Na Herode asɔ Yohane mu akye no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti. Ɛfiri sɛ Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware no. Na ɔpɛɛ ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ: Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Na Yesu buaa wɔn sɛ: Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti, monni Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ? Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na deɛ ɔka agya anaa ɛna ho a...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ba bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi. Na ɔbua see wɔn sɛ: Ɛduru anwummerɛ a, mose: Ewiem bɛte ɛfiri sɛ ɔsoro abere. Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu. Monim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ deɛ, montumi nkyerɛ mu....
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so wɔ fa baabi. Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann. Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ. Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛdɔn no ara mu na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: Hwan ne ɔkɛseɛ koraa wɔ ɔsoro ahennie no mu? Na Yesu frɛɛ abɔfra bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔfirii Galilea, na ɔbaa Yudea ahyeɛ so, Yordan agya. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ. Na Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ɔgyaa ne yere anaa? Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ onipa n...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu. Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu. Na ɔfirii adi bɛyɛ anɔpa nnɔnkron kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina dwa ase kwa. Na ɔsee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ me bob...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔbɛnee Yerusalem na wɔduruu Betfage, Ngo Bepɔ ho no, Yesu somaa asuafoɔ baanu see wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mobɛhunu afunumu a wɔasa no homa ne ne ba; monsane wɔn mfa wɔn mmrɛ me! Na sɛ obi bisa mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia ma Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba. Na yei nyinaa sii, na...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu bio sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforɔ pono maa ne ba. Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforɔ no ase no, nanso wɔampɛ sɛ wɔba. Bio ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum m’anantwie ne ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo ne n’asuafoɔ no sɛ: Mose akonnwa so na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ atena. Enti deɛ wɔbɛse mo sɛ monni soɔ no nyinaa, monni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma deɛ, monnyɛ; ɛfiri sɛ wɔka, nanso wɔnyɛ. Na wɔkyekyere nnesoa duruduro to nnipa mmatiri so; na wɔn ara deɛ, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mp...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekorɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn sɛ wɔrebɛkyerɛ no asɔrefie aban no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ: Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam. Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna wɔde ɔsoro ahennie no bɛto mmabaawa du bi a wɔtasee wɔn nkanea firi adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu no ho. Na wɔn mu nnum yɛ mmadwemma na nnum nso nyɛ mmadwemma. Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn nkanea no, wɔamfa ngo ankura; na mmadwemma no faa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea ho. Na ayeforɔkunu no kyɛreeɛ no, wɔn ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Monim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu. Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu, na wɔtuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no. Nanso wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ af...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne ho agyina sɛ wɔbɛkum no. Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa. Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no fɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔde nnwetɛbena aduasa no sane brɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na homeda no twaa mu no, da a ɛdi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no baa sɛ wɔrebɛhwɛ ɛda no. Na hwɛ, asase wosoo kɛseɛ pa ara; na Awurade bɔfoɔ firi soro siane bae, bɛmunii ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so. Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa. Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no teɛ no, de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo! Meda Onyankopɔn a mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ m’agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu! Na deɛ wote firii m’anomu, adansefoɔ bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa. Na wo nso, mia w’ani hunu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa. Obi nkɔ ɔsa mfa daadaa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani. Na ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na hunu yei sɛ, nna a ɛdi akyire mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba. Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn, wɔn a wɔnni tema, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ soɔ, wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ, wɔn a wɔm...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn n’ahoyie ne n’ahennie mu no anim. Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu. Na ɛberɛ bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a ɛyɛ no. Na ɛnam sɛ wɔn aso mu yɛ wɔn hene nti, wɔ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no. Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu a, mommu no anigyeɛ koraa, na monhunu sɛ mo gyidie no sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma. Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara. Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a,...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra. Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atadeɛ fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atadeɛ tantan ba hɔ, na mohwɛ deɛ ɔhyɛ atadeɛ fɛfɛ no, na moka sɛ: Wo deɛ, tena deɛ ɛyɛ ha! na moka kyerɛ ohiani no sɛ: Wo deɛ, gyina noh...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me nuanom, mommma mo mu bebree nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na monim sɛ yɛbɛnya afobuo kɛseɛ mmom. Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ. Yɛde nnareka to apɔnkɔ ano mu sɛ wɔntie yɛn, na yɛdanedane wɔn kɔ faako a yɛpɛ. Hw...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛhe na akasakasa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fire? Ɛmfiri mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa? Mo kɔn dɔ, na monnya. Modi awu na mo ani bere, na montumi nnuru ho. Moko na motu sa, nanso monnya, ɛfiri sɛ mommisa. Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu. Awaresɛefoɔ, monnim s...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena! Mo ahonyadeɛ aporɔ, na nweweboaa awe mo ntadeɛ. Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen, na ɛho nnaakyen no bɛdi mo adanseɛ, na ɛbɛdi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ, nna a ɛdi akyire mu. Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ: Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na pae mu ma wɔnhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim. Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis. Na AWURADE...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ: Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, na ɔtiee me; mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu, na woate me nne. Na wotoo me twenee ebunu mu, ɛpo akoma mu, na ɔhweamo twaa me ho hyiae; w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa bu faa me so. Na me nso mese: Wɔatu me afiri w’...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ: Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ woɔ no kyerɛ wɔn. Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm no soɔ sii mu kɔɔ Ninewe. Nso na Ninewe yɛ kuro kɛseɛ a nnansa na wɔde twa ho hyia. Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka adad...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fui. Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wo...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mm...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nso yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho deɛ, mommma wɔnnnane mo adwene ntɛm, na wɔnntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nwoma a wɔse ɛfiri yɛn nkyɛn no ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu. Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, ɛfiri sɛ ɛremma, gye sɛ ɔwaeɛ a wɔbɛwaeɛ no...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn, na Awurade asɛm nnya kwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no animuonyam, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo hɔ nso. Na wɔnyi yɛn mfiri nnipa amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ nsa mu, ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie. Ɔnokwafoɔ ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefoɔ no ho no. Na yɛn ani da mo ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni, ne onuabaa Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fie: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo! Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase, ɛfiri sɛ mete wo dɔ ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no, nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa. Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyi...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da bi. Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa n’akatua a ɛsɛ a, yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu a ɔdi deɛ ɔde no sii hɔ no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ no. Na oyi deɛ, wɔabu no sɛ animuonyam bebree sɛ no, sene Mose, te sɛ deɛ ɔsi efie wɔ anidie bebree sene efie no. ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyi. Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ bɛn korɔ mu, wɔn a wɔteeɛ no mu. Na yɛn a yɛagye adie no kɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaa sɛ: Mekaa ntam m’...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama, sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia. Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔman no. Na obi mfa saa anidie n...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti momma yɛmfa mfitiaseɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ deɛ ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakyera ne Nyankopɔn ho gyidie ne asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsagusoɔ ne awufoɔ sɔreɛ ne daa atemmuo anto fapem bio. Yei na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ. Na ɛntumi mma sɛ, wɔn a ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ, Abraham kɔkumm ahene no na ɔresane aba no, ɔkɔhyiaa no hyiraa no. Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotosoɔ du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ tenenee hene kane, na ɛno akyiri nso, ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoeɛ hene, ɔnni agya nni na nni awoɔ ntoatoasoɔ, ɔnni nna mfitiaseɛ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ ahennwa no nifa, ɔsoro sɛ kronkronbea ne nokorɛ ntomadan a Awurade no ara, na ɛnyɛ onipa, pameeɛ no mu sɔfoɔ. Na ɔsɔfo panin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma. Na sɛ ɔwɔ asase so deɛ a, a...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, kane apam no nso wɔ ɔsom ho nhyehyɛɛ ne wiase ha kronkronbea deɛ: Ɛfiri sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea. Na ntwamutam a ɛtɔ so mmienu no mu wɔ ntomadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron. Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde sik...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛsoɔ na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da; na sɛ asɔrefoɔ a wɔate wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa? Na mmom bɔne ho nkaeɛ wɔ mu daa afirinhyia, ɛfiri sɛ anantwinini ne ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei gyidie ne adeɛ a yɛn ani da soɔ ho ahotosoɔ ne nnoɔma a yɛnhunu ho adansegyeɛ. Na yei mu na tetefoɔ no nyaa adanseɛ pa. Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a ɛnna adie mu na ɛbaeɛ. Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa Onyankopɔ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua ama...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Onuadɔ ntena hɔ daa. Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ. Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi. Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ nnwamamfoɔ n...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani. Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu. Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔwiee ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɔ. Na da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie n’adwuma a ɔyɛeɛ no, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ nyinaa ho. Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho. Yei ne sɛde...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi? Na ɔbaa no buaa ɔwɔ no sɛ: Turom ha nnua aba no, yɛdi bi; nanso dua a ɛsi turo no mfimfini no aba deɛ, Onyankopɔn aka sɛ: Monnni bi, nso mommfa mo nsa ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Kain. Na ɔkaa sɛ: AWURADE adaworoma manya ɔbarima. Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ. Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, Kain de afuom nnoɔma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ. Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Adam awoɔ ntoatoasoɔ nie: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ɔbɔɔ no ne suban so. Na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbaa, na ɔhyiraa wɔn. Na ɔtoo wɔn din onipa. Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set. Na Adam woo Set no akyiri no, ɔdii mfirinhyia ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nnipa firii aseɛ redɔɔso wɔ asase soɔ na wɔwoo mmammaa maa wɔn no, Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ wɔyɛ honam, enti ne nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu. Nna no mu ne akyire no, na abrane akɛseɛ wɔ asase s...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fiefoɔ nyinaa, monkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ wo na mahu wo sɛ ɔteneneeni m’anim, ɛberɛ yi mu. Mmoa a wɔn ho teɛ nyinaa mu, fa nson nson, anini ne abedeɛ. Na mmoa a wɔn ho nteɛ mu, fa mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ; ewiem nnomaa mu nso fa nson nson, anini ne abedeɛ, na wɔn ase nnya nk...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase. Na ebunu no nsuo aniwa sisii, na ɔsoro mpomma mu totoe, maa osuo a ɛfiri soro no gyaee tɔ; na nsuo no twe firii asase so ara. Na ɛfiri nna ɔha aduonum akyiri n...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma. Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ. Deɛ ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduane; mede ne nyinaa m...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awoɔ ntoatoasoɔ. Na nsuyire no akyi, wɔwoo mma. Yafet mma nie: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. Na Gomer mma ne Askenas, Rifat ne Togarma. Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim. Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu bi...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na asase nyinaa sofoɔ yɛ anokorɔ kasa kasa korɔ. Na wɔtuu kwan faa apueeɛ no, wɔhunuu asasetam bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ. Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntaayaa, na yɛnto! Na ntaayaa no yɛɛ wɔn aboɔ, na ama yɛɛ wɔn dɔteɛ. Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atif...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so. Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira. Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa. Na Abram kɔe ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Abram ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa, ne Lot nso, firii Misraim baa Negeb. Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa, dwetɛ ne sika mu. Na ɔdii atutena firi Negeb kɔduruu Betel, deɛ akane na ne ntomadan sie no, wɔ Betel ne Ai ntam, deɛ afɔrebukyia a ɔsii kane no wɔ. Na Abram sɔree AWURADE wɔ hɔ. Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nn...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer ne Goiim hene Tideal berɛ so no, wɔne Sodom hene Bera ne Gomora hene Birsa, Adma hene Sinab ne Seboim hene Semeber ne Bela (a ɛne Soar) hene dii ako. Ahemfo yeinom nyinaa bɛhyiaa Sidim bonhwa mu, (ɛno ne Nkyene Po no). Mfirinhyia dummienu na wɔsomm Kedorl...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii. Na Abram bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa? Na Abram kaa sɛ: Ao, me deɛ, woamma me asefoɔ, na hwɛ, me fienipa na ɔbɛd...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afenaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar. Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai. Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirinhyia du no, ne yere Sarai faa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ. Na mɛma m’apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse ara. Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne no kasaa sɛ: Me deɛ, hwɛ, m’apam da hɔ ma wo, na mɛyɛ wo aman pii agya. Na w...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abraham wɔ Mamre pɔ mu, na ɔte ne ntomadan pono ano awia ketee. Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ: Me wura, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, nsiane w’akoa ho nk...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ: Me wuranom, mesrɛ mo, mommane mmra mo akoa fie mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo nan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wɔse: Dabi, yɛbɛda abɔntene so. Na ɔsrɛɛ wɔn dendeende...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Abraham tutu firii hɔ kɔɔ Negeb asase so, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam. Na ɔkɔtenaa Gerar nso. Ɛhɔ Abraham kaa ne yere Sara ho sɛ: Ɔyɛ me nuabaa. Na Gerar hene Abimelek soma maa wɔbɛfaa Sara. Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔy...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɔyɛɛ Sara sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛ mu, berɛ a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no mu. Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak. Na Abraham ba Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no. Na Abra...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nsɛm yi akyiri no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ɔse: Menie. Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so. Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne n...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Sara nkwa nna a ɔdiiɛ nyinaa yɛ mfirinhyia ɔha aduonu nson. Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no. Na Abraham sɔre firii n’amu no anim, na ɔne Het mma kɔkasaa sɛ: Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi m...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Abraham abɔ akɔkoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu. Na Abraham ka kyerɛɛ ne fie asomfoɔ mu panin a ɔhwɛ deɛ ɔwɔ nyinaa soɔ sɛ: Fa wo nsa ka m’asene mu, na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba. Na kɔ me kuro...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Abraham waree yerɛ bio a ne din de Ketura. Na ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Isbak ne Sua maa no. Na Yoksan woo Seba ne Dedan. Na Dedan mma ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ. Na Midian mma ne Hefa, Hefer, Hanok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa ne Ketura mma. Na Abraham de deɛ ɔwɔ nyinaa maa Isak. Na mmaa nkae mma a...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛkɔm baa asase no so, ɛsono ɛkɔm a ɛbaa Abraham berɛ soɔ no. Na Isak kɔɔ Filistifoɔ hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar. Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no sɛ: Nsiane nkɔ Misraim, tena asase a mɛkyerɛ woɔ yi so. Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, n...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Isak bɔɔ akɔkoraa na n’ani so yɛɛ no kusukusu na ɔnhunu adeɛ yie no, ɔmaa wɔfrɛɛ ne ba panin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na ɔgyee so sɛ: Agya, menie. Na ɔse: Mabɔ akora, na mennim me wuda. Afei fa w’ahayɔdeɛ, w’agyan kotokuo ne w’agyan kɔ wiram kɔpɛ hanam brɛ me, na noa akɔnnɔduane sɛdeɛ mepɛ brɛ me, na menni, na m...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Isak frɛɛ Yakob, na ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware ɛyerɛ wɔ Kanaan mmammaa mu. Sɔre kɔ Mesopotamia kɔ wo na n’agya Betuel fie, na kɔware wɔ wo na nua Laban mmammaa mu bi. Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo; na ɔmfa Abraham nhyira nhyira wo, wo ne w’asefoɔ a ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yakob sii mu kɔɔ nnipa a wɔte apueeɛ fam asase so. Na ɔhunui asubura bi wɔ wiram, na hwɛ, nnwankuo mmiɛnsa boaboa ho wɔ hɔ, ɛfiri sɛ abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwankuo no nom, na ɔboɔ kokuroo da abura no ano. Ɛhɔ na wɔboa nnwankuo nyinaa ano, na wɔmuni ɔboɔ no firi abura no ano, na wɔma nnwan no nom, na wɔmuni ɔbo...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Rahel hunuu sɛ ɔnwo mma Yakob no, ɔtwee ne nuabaa no ho kora, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me mma, na anyɛ saa a, mɛwu. Na Yakob bo fuu Rahel kaa sɛ: Mesi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa? Na Rahel kaa sɛ: Hwɛ, m’afenaa Bilha nie, wo ne no nna, na ɔnwo ngu me srɛ so, na me nso mennya ne ho mma. Na ɔde n’...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkaeɛ no sɛ: Yakob afa deɛ ɛyɛ yɛn agya deɛ nyinaa; na ɛno na ɔde anya saa agyapadeɛ yi nyinaa. Na Yakob hunuu Laban anim, na hwɛ, ɛnte no sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sane kɔ wo nananom asase so ne w’abusua mu, na mɛdi w’akyi. Na Yakob soma maa wɔkɔfrɛɛ Rahel n...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yakob sii ne kwan so sɛ ɔrekɔ; na Nyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no. Na Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn asafo nie. Na ɔtoo hɔ din: Maha-naim. Na Yakob tuu abɔfoɔ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wiram. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sɛdeɛ monka nkyerɛ me wura Esau ne sɛ: W’akoa Yakob se: Mekɔtenaa Laban nky...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yakob maa n’ani so hunui, na hwɛ, Esau reba, na mmarima ahanan ka ne ho. Na ɔkyɛɛ ne mma mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa baanu no. Na ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii anim, na Lea ne ne mma dii hɔ, na Rahel ne Yosef dii akyire. Na ɔno ara deɛ ɔsene dii wɔn anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam mprɛnson de kɔsii sɛ ɔduruu ne nua...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Lea ne Yakob babaa Dina firii adi sɛ ɔrekɔhwɛ asase no so mmaa. Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi. Na Yakob ba Dina sɔɔ Sekem ani, na ɔdɔɔ ababaa no, na ɔkorɔkorɔɔ no. Na Sekem ka kyerɛɛ n’agya Hamor sɛ: Kɔgye ababaa yi awareɛ ma me. Na Yakob tee sɛ wagu ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Onyankopɔn a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woredwane afiri wo nua Esau anim no. Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montoto anyame ananafoɔ a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnwira mo ho, na monsakyera mo ntadeɛ. Na momm...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne Esau (a wɔfrɛ no Edom) awoɔ ntoatoasoɔ: Esau waree Kanaanfoɔ mmaa: Hetini Elon babaa Ada, ne Hewini Sibeon ba Ana babaa Oholibama, ne Ismael babaa Basmat, Nebaiot nuabaa. Na Ada woo Elifas maa Esau, na Basmat woo Reuel. Na Oholibama woo Yeus ne Yalam ne Kora. Yeinom ne Esau mma a wɔwoo wɔn wɔ Kanaan asase ...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yakob tenaa asase a n’agya yɛɛ so hɔhoɔ a ɛne Kanaan asase no so. Na yei ne Yakob abusua ho abakɔsɛm: Yosef dii mfirinhyia dunson no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nnwan; na aberantewaa no ne n’agya yerenom Bilha ne Silpa mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛka wɔn ho asɛmmɔne kyerɛ n’agya. Na ɛsiane sɛ Yosef yɛ ne nkɔkoraaberɛ mu ba n...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ berɛ no ara mu Yuda firii ne nuanom nkyɛn kɔe, na ɔkɔtenaa Adulamni bi a wɔfrɛ no Hira nkyɛn. Na Yuda hunuu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua babaa bi wɔ hɔ, ɔwaree no na ɔne no dae. Na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Er. Na ɔnyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Onan. Na ɔnyinsɛnee bio woo ɔbab...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Na Farao piani Potifar a ɔyɛ ankɔbeafoɔ so panin na ɔyɛ Misraimni no tɔɔ no Ismaelfoɔ a wɔde no kɔɔ hɔ no nsam. Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siadeɛ, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fie. Na ne wura hunuu sɛ AWURADE di n’akyi na AWURADE ma deɛ ɔyɛ nyinaa yɛ yie n’abasa s...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ akyire yi Misraimhene nsahyɛni ne ne paanootoni fom wɔn wura, Misraimhene no. Na Farao bo fuu n’apiafoɔ baanu no, nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ panin no. Na ɔde wɔn kɔguu afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin no fie, faako a Yosef da hɔ. Na ankɔbeafoɔ panin no maa Yosef hwɛɛ wɔn so som wɔn; na wɔkyɛree afiase hɔ kakra...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mfeɛ mmienu akyiri no, Farao soo daeɛ, na hwɛ, ɔgyina Nil asubɔnten no ho. Na hwɛ, anantwibereɛ nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho firi asubɔnten no mu ba bɛdidii ɛserɛ no mu. Na hwɛ, anantwibereɛ nson foforɔ a wɔn ho yɛ tane na wɔafomfɔn nso firi asubɔnten no mu dii wɔn akyiri bae. Na wɔbɛgyinaa anantwie nson...
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yakob hunuu sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ: Adɛn na mohwehwɛ mo ho anim yi? Na ɔse: Monhwɛ, mate sɛ aduane wɔ Misraim. Monsiane nkɔ hɔ nkɔtɔ bi wɔ hɔ mmrɛ yɛn, na yɛntena ase, na yɛanwu. Ɛnna Yosef nuanom mu du siane kɔɔ Misraim aduanetɔ. Na Yosef nua Benyamin deɛ, Yakob ansoma no anka ne nu...